<<Allah nhunu obi a ɔdwo na ɔsosɔ afoforɔ so sɛ ɔretɔn adeɛ a mmɔbɔ, ne obia ɔdwo sɛ ɔretɔ a, ne obia ɔdwo sɛ ɔhia a>>

Scan the qr code to link to this page

Hadith
Explanation
View Translations
Benefits from the Hadith
Categories
More ...
Jabir Allah nnye no ntom kaa sɛ ; Allah somafoɔ -Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no- kaa sɛ: <<Allah nhunu obi a ɔdwo na ɔsosɔ afoforɔ so sɛ ɔretɔn adeɛ a mmɔbɔ, ne obia ɔdwo sɛ ɔretɔ a, ne obia ɔdwo sɛ ɔhia a>>.
Sahih/Authentic. - Al-Bukhari

Explanation

Ɔkɔmhyɛni Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no bɔɔ mpaeɛ srɛɛ ahummɔborɔ maa obi biara a ɔdwo na ne yam yɛ wɔ ne dwadie mu. Ɛno nti mma obi nhyɛ ɔtɔfoɔ wɔ adeɛ no boɔ so, na mmom ɔmfa nneyɛɛ pa ne no nni nkitaho. Abodwoɔ ne ɔmerɛ kwan so ne ayamyɛ kwan so sɛ ɔretɔn a, na mma ɔnte nneɛma no so. Abodwoɔ ne ayamyɛ kwan so sɛ ɔrehwehwɛ sɛ obi ntua ɛka ɔde no a, na mma ɔnyɛ no den mma ohiani, na mmom ɔmfa anidie ne ayamyɛ na emmisa no, na ɔntwɛn neɛ nneɛma mu ayɛ den ama no no (ohiani).

Benefits from the Hadith

  1. Botaeɛ titriw a Islamsom mmrasɛm no gyina so ne sɛ ɛbɛbɔ ade biara a ɛsiesie twaka a ɛda nnipa ntam ho ban.
  2. Worehyɛ nkuran sɛ amanfoɔ de suban pa bɛdi nkitaho wɔ nnipa ntam, ɛwɔ adetɔn ne adetɔ neɛ neɛ ɛkeka ho mu.

Categories

Successfully sent!