<<Muslimini kyɛfa wɔ no yɔnko Muslimini so yɛ enum: sɛ ɔbɛgye no so sɛ ɔkyea no a (salaam), na ɔbɛkɔ akɔsra no sɛ ɔyare a, na ɔbɛdi n'akyi ama wɔayɛ owufoɔ som ama no, na ɔbɛgye no frɛ so (sɛ ɔto ne nsa frɛ no dwumadie bi ase a), na ɔbɛgye ...

Scan the qr code to link to this page

Hadith
Explanation
View Translations
Benefits from the Hadith
Categories
More ...
Abu Hurayrah Allah nnye no ntom kaa sɛ: metee sɛ Allah somafoɔ no -Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no- reka sɛ: <<Muslimini kyɛfa wɔ no yɔnko Muslimini so yɛ enum: sɛ ɔbɛgye no so sɛ ɔkyea no a (salaam), na ɔbɛkɔ akɔsra no sɛ ɔyare a, na ɔbɛdi n'akyi ama wɔayɛ owufoɔ som ama no, na ɔbɛgye no frɛ so (sɛ ɔto ne nsa frɛ no dwumadie bi ase a), na ɔbɛgye no so sɛ ɔnwansi a>>.
Sahih/Authentic. - Al-Bukhari and Muslim

Explanation

Ɔkɔmhyɛni -Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no- reda kyɛfa a Muslimini wɔ wɔ onua Muslimini so adi akyerɛ yɛn, Kyɛfa a edikan ne sɛ wobɛgye neɛ wato wo (salaam) so. Kyɛfa a ɛtɔ so mmienu: wore kɔsra ɔyarefoɔ. Kyɛfa a ɛtɔ so mmiɛnsa: woredi owufoɔ akyi afiri no fie akɔ beaɛ a wɔreyɛ owufoɔ asɔre agu no so, akɔ amusieɛ kɔpem sɛ wɔbɛ sie no. Kyɛfa a ɛtɔ so ɛnan: sɛ wobɛgye no so sɛ ɔfrɛ wo ayeforɔ nhyiamu bi ase ne neɛ ɛkeka ho a. Kyɛfa a ɛtɔ so ɛnum: wobɛbɔ mpaeɛ ama no sɛ ɔnwansi a, na ɛne sɛ; sɛ ɔda Allah ase a wobɛka akyerɛ no sɛ; ''yarhamka llah'', (Allah nhu wo mmɔbɔ), na afei neɛ ɔnwansiiɛ no aka sɛ, ''yahdiikumu llahu wa yuslih baalakum'', (Allah ntene mo na Ɔnyɛ mo mmɔdemmɔ papa mma mo.)

Benefits from the Hadith

  1. Islamsom kɛseɛ no ara gyina sɛ worehyɛ kyɛfa a ɛwɔ wo ne Muslimifoɔ ntam kena na wobɛhyɛ onuadɔ a ɛwɔ mo ntam den.

Categories

Successfully sent!