<< Ɔsoro aheman bɛn mo mu binom sene sɛneɛ ne mpaboa ahoma bɛn no, sa ara nso na ogya dareɛ nso teɛ>>

Scan the qr code to link to this page

Hadith
Explanation
View Translations
Benefits from the Hadith
Categories
More ...
Ibn Mas'ud Allah nnye no ntom kaa sɛ: ɔkɔmhyɛni -Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no- kaa sɛ: << Ɔsoro aheman bɛn mo mu binom sene sɛneɛ ne mpaboa ahoma bɛn no, sa ara nso na ogya dareɛ nso teɛ>>.
Sahih/Authentic. - Al-Bukhari

Explanation

Ɔkɔmhyɛni Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no bɔ yɛn amaneɛ sɛ ɔsoro aheman ne ogya dareɛ bɛn onipa te sɛ neɛ obi mpaboa ahoma a ɛwɔ ne nan akyi no bɛn no, ɛfiri sɛ ebia ɔbɛyɛ sotie bi a ɛbɛsɔ Allah Okokuroko ani na ɛde no awura ɔsoro aheman mu, anaa sɛ ɔbɛyɛ bɔne na ayɛ nnyinasoɔ a ɛde no bɛkɔ ogya mu.

Benefits from the Hadith

  1. Worehyɛ afoforɔ nkuran ama wɔayɛ papa sɛ mpo ɛyɛ ketewa mpo a, na wabɔ afoforɔ kɔkɔ ama wɔagyae bɔne mpo sɛ ɛyɛ ketewa mpo a.
  2. Ɛwɔ sɛ Muslimini biara ka ɛhu ne awerɛhyɛmu bɔ mu wɔ n'abrabɔ mu, na ɔsrɛ Allah Okokurokɔ no daa sɛ Ɔbɛgyina pintinn wɔ nokware so ɔbɛgyae mu na ne suban nsesaaɛ.

Categories

Successfully sent!