<<(Siwak) Duaweɛ yɛ adeɛ a anumu na ɛsɔ Awurade Nyankopɔn ani nso>>

Scan the qr code to link to this page

Hadith
Explanation
View Translations
Benefits from the Hadith
Categories
More ...
Aa isha -Allah nnye no ntom- kaa sɛ: Allah somafoɔ Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no kaa sɛ: <<(Siwak) Duaweɛ yɛ adeɛ a anumu na ɛsɔ Awurade Nyankopɔn ani nso>>.
Sahih/Authentic. - An-Nasaa’i

Explanation

Ɔkɔmhyɛni Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no rebɔ yɛn ananeɛ, sɛ yɛde ''Arak'' dua ne sɛsoɔ twe yɛ se a, ɛte y'anum firi efii ne pampam bɔne ho, Na ɛka akwan a Allah fa so de gye akoa bi tom; ɛfiri sɛ ɛyɛ sotie a yɛyɛ ma Allah ne n'ahyɛdeɛ a yɛagye atom, ɛsiane ahonnidie a ɛwɔ mu a Allah Okokuroko no pɛ nti.

Benefits from the Hadith

  1. Duaweɛ ho mfasoɔ ne nkuranhyɛ a ɔkɔmhyɛni de hyɛɛ ne dɔm sɛ wɔnwe no pii.
  2. Ne papa mu pa ara ne sɛ wobɛwe ''arak'' dua, anaa sɛ wobɛfa borɔɔso ne aduro atwe wo se, ɛsi n'anan mu.

Categories

Successfully sent!