''Me sombo sene ahokafoɔ biara a wɔde ka Me ho, nti neɛ ɔbɛdi dwuma bi a ɔde obi foforɔ bɛka Me ho no, Megyae ɔne no mmata ho a ɔreyɛ no (abosomsɛm)''

Scan the qr code to link to this page

Hadith
Explanation
View Translations
Benefits from the Hadith
Categories
More ...
Abu Hurayrah (Allah nnye no ntom) kaa sɛ; Allah somafoɔ -Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no - kaa sɛ: <<Allah Okokuroko no kaa sɛ: ''Me sombo sene ahokafoɔ biara a wɔde ka Me ho, nti neɛ ɔbɛdi dwuma bi a ɔde obi foforɔ bɛka Me ho no, Megyae ɔne no mmata ho a ɔreyɛ no (abosomsɛm)''.
Sahih/Authentic. - Muslim

Explanation

Ɔkɔmhyɛni - Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no - bɔ amaneɛ sɛ; Allah Okokuroko no kaa sɛ: ''esipi sɛ Ɔno ne neɛ Ɔsombo sene neɛ wɔde rebata No ho biara, na Ɔno ne Ɔdefoɔ wɔ biribiara so, na sɛ onipa bi di dwuma bi a ɛyɛ sotie na ɔdi no Allah nti ne obi foforɔ nti a, Allah gyae no na Ɔnnye ntom, na Wadane dwumadie no asan ama ne wura. Ɛno nti ɛyɛ nhyɛ sɛ yɛte yɛn nnwumadie ho ma Allah Okokuroko no nko ara, ɛfiri sɛ Ɔhoteeni (Allah) no Ɔnnye dwumadie bi ntom agye neɛ ɔyɛɛ no krɔgyenn sɛ ɔde rehwehwɛ N'animuonyam Kronkron no.

Benefits from the Hadith

  1. Ahwɛyie wɔ abosomsɛm ho, sɛ neɛ ne su teɛ biara, na ɛsi kwan sɛ (Allah) bɛgye dwumadie bi atom.
  2. Worete nka wɔ Allah ahonyadeɛ ne Ne kɛseyɔ mu ka nneɛma a ɛboa ma obi dwumadie yɛ krɔgyenn (Allah nti).

Categories

Successfully sent!